Galatians 2

Paulo ne asomafo a aka no

1Mfe dunan akyi, me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho. 2Mekɔe efisɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiam kokoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ Amanamanmufo no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa. 3Ɛwom sɛ me hokafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia, 4na mmom, nnipa bi a wɔboapa yɛɛ wɔn ho sɛ anuanom no bi a wɔde wɔn ho abɔ kuw no pɛe sɛ wotwa no twetia. Saa nnipa yi baa yɛn mu sɛ akwansrafo bɛhwɛɛ ahofadi a yɛnam yɛn a yɛne Kristo ayɛ baako so anya no, na wɔnam so adan yɛn nkoa no. 5Sɛnea ɛbɛyɛ a Asɛmpa no bɛtena mo nkyɛn nti, yɛamma wɔn kwan koraa.

6Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no, sɛnea wɔte biara no meka se, minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7Na mmom wohui sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ Amanamanmufo sɛnea ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ. 8Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ Amanamanmufo mu sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ. 9Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no, gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ Amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu. 10Wobisae sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.

11Bere a Petro baa Antiokia no, mitiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ, na ɔreyɛ mfomso. 12Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom Amanamanmufo no ato nsa adidi. Nanso nnipa no bedui akyi no, ɔtwee ne ho sɛ ɔne wɔn nnidi bio, efisɛ, na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa Amanamanmufo twetia no. 13Anuanom Yudafo a aka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho. 14Mihui sɛ nsɛm a wɔreka no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani nanso woyɛ wo ho sɛ Amanamanmuni. Wonyɛ wo ho sɛ Yudani. Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ahyɛ Amanamanmufo ama wɔatena ase sɛ Yudafo?”

15Ɛyɛ nokware sɛ yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu. Yɛnyɛ Amanamanmufo nnebɔneyɛfo no.

16Yenim sɛ ansa na obi bɛfata Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ogye a yegye Kristo di no so na ɛnyɛ Mmara no apɛde a yɛyɛ so na yɛnam bɛfata Onyankopɔn anim. Onipa biara nni hɔ a ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ na ɔbɛfata Onyankopɔn anim. 17Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pɛ bɔne? Ɛnte saa koraa. 18Sɛ mifiti si nea mabubu no a ɛkyerɛ sɛ mebu Mmara so. 19Na Mmara no nti, mawu. Mmara no ankasa akum me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu 20enti ɛnyɛ me na mete ase bio na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. 21Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.

Copyright information for TwiNAK